Exodus 20:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere,+ n’akoa anaa n’afenaa, ne nantwi anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.”+ Deuteronomium 5:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “ ‘Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.+ Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie anaa n’asase anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwi anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.’+ Mmebusɛm 28:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔkannifo a onni nhumu amimdi dɔɔso,+ na nea okyi mfaso bɔne+ no bɛma ne nna akyɛ. Kolosefo 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti, munkum+ mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ,+ nkate bɔne, ne anibere+ a ɛyɛ abosonsom ho.
17 “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere,+ n’akoa anaa n’afenaa, ne nantwi anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.”+
21 “ ‘Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.+ Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie anaa n’asase anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwi anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.’+
5 Enti, munkum+ mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ,+ nkate bɔne, ne anibere+ a ɛyɛ abosonsom ho.