11 Ɛnna Mose bɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo Yehowa, ne Nyankopɔn, bo+ sɛ: “Yehowa, adɛn na wo bo afuw+ wo nkurɔfo a wode tumi kɛse ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn fii Egypt asase so yi?
17 “Momma asɔfo no, Yehowa asomfo no nsũ wɔ abantenten no ne afɔremuka+ no ntam sɛ, ‘O Yehowa, hu wo man mmɔbɔ, na mma w’agyapade nnyɛ ahohorade,+ mma amanaman nnni wɔn so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔka wɔ aman mu sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”’+