Leviticus 26:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Na mede mo nkurow bɛma nkrante+ na masɛe mo kronkronbea,+ na merente mo afɔre hua.+ 1 Ahene 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 ɛnde me nso metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so,+ na ofie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew+ adi ho fɛw aman nyinaa mu. Dwom 69:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Ma wɔn tenabea a wɔabɔ ho ban no nnan amamfõ;+Mma obiara nntena wɔn ntamadan mu.+ Yesaia 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mo asase adan amamfõ,+ na wɔde ogya ahyew mo nkurow.+ Ahɔho+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe te sɛ nea ahɔho abutuw no.+ Yeremia 12:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Magyaw me fie;+ mapo m’agyapade;+ mede nea me kra dɔ no no ahyɛ n’atamfo nsa.+ Yeremia 22:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “‘Na sɛ moantie nsɛm yi a,’ Yehowa asɛm ni, ‘meka me ho ntam+ sɛ ofie yi bɛsɛe pasaa.’+ Mika 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase, na wobedwiriw Yerusalem asum hɔ,+ na asɔrefie bepɔw no bɛyɛ sɛ kwae mu nkoko.
7 ɛnde me nso metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so,+ na ofie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew+ adi ho fɛw aman nyinaa mu.
7 Mo asase adan amamfõ,+ na wɔde ogya ahyew mo nkurow.+ Ahɔho+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe te sɛ nea ahɔho abutuw no.+
12 Mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase, na wobedwiriw Yerusalem asum hɔ,+ na asɔrefie bepɔw no bɛyɛ sɛ kwae mu nkoko.