Mmebusɛm 15:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Yehowa suro yɛ nteɛso a ɛma nyansa,+ na ahobrɛase di anuonyam anim.+ Yakobo 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mommrɛ mo ho ase wɔ Yehowa anim,+ na ɔbɛma mo so.+ 1 Petro 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+