24 Ɛnna Asiria hene de nnipa fi Babilon+ ne Kuta ne Awa+ ne Hamat+ ne Sefarwayim+ bɛtenatenaa Samaria nkurow mu,+ na wobesii Israelfo ananmu, na wɔfaa Samaria tenatenaa ɛhɔ nkurow mu.
3 Nanso Serubabel ne Yesua+ ne Israel agyanom mmusua mu atitiriw+ nkae no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresi no mu,+ yɛn nkutoo besi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores+ ahyɛ yɛn no.”