3 Na Onyankopɔn fii ase hyiraa da a ɛto so ason no na ɔyɛɛ no kronkron, efisɛ saa da no na ofii ase home fii ne nnwuma nyinaa ho. Onyankopɔn bɔɔ biribiara a na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.+
10 Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu?+ Nsɛm a meka kyerɛ mo no, memmɔ me tirim na meka; na mmom Agya a ɔwɔ me mu no na ɔreyɛ ne nnwuma.+