39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔde n’anim butuw hɔ bɔɔ mpae+ kae sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ma kuruwa+ yi ntwa me ho nkɔ. Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ,+ na mmom sɛnea wopɛ.”+
30 Mintumi mmɔ me tirim nyɛ hwee; nea mete no ara na migyina so bu atɛn; na atɛn a mibu no teɛ,+ efisɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.+