Numeri 21:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Enti Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ ntɛm ara de sɛn dua so.+ Afei sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ+ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ a ɛsɛn dua so no a, na wanya nkwa.+ Yohane 3:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Na sɛnea Mose maa ɔwɔ+ no so sare no so no, saa ara na etwa sɛ wɔma onipa Ba no so+ Yohane 12:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Nanso sɛ wɔma me so+ fi asase so a, mɛtwe nnipa ahorow nyinaa aba me nkyɛn.”+ Galatifo 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Kristo tɔɔ yɛn+ de yii+ yɛn fii Mmara nnome ase na osii yɛn ananmu bɛyɛɛ nea wɔadome no,+ efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Wɔadome obiara a wɔsɛn no dua so.”+
9 Enti Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ ntɛm ara de sɛn dua so.+ Afei sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ+ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ a ɛsɛn dua so no a, na wanya nkwa.+
13 Kristo tɔɔ yɛn+ de yii+ yɛn fii Mmara nnome ase na osii yɛn ananmu bɛyɛɛ nea wɔadome no,+ efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Wɔadome obiara a wɔsɛn no dua so.”+