37 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Ɛnde na woyɛ ɔhene?” Yesu buae sɛ: “W’ankasa na woreka sɛ meyɛ ɔhene.+ Eyi nti na wɔwoo me, na eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.+ Obiara a ɔwɔ nokware+ no afã no tie me nne.”+
6 Yɛn de, yefi Onyankopɔn.+ Nea onya Onyankopɔn ho nimdeɛ no tie yɛn;+ nea omfi Onyankopɔn no ntie yɛn.+ Saa kwan yi so na yehu honhom mu nsɛm a ɛyɛ nokware ne honhom mu nsɛm a ɛyɛ nnaadaa.+