Yohane 5:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Nokware, nokware, mise mo sɛ, nea otie m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa,+ na ɔmma atemmu mu, na mmom wafi owu mu aba nkwa mu.+ Yohane 11:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 na obiara a ɔte ase a onya me mu gyidi no renwu da.+ Wugye eyi di?” 1 Korintofo 15:54 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 54 Na sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw, na nea ewu yi hyɛ nea enwu a, ɛno na asɛm a wɔakyerɛw no bɛba mu sɛ: “Wɔamene owu+ akosi daa.”+ Adiyisɛm 20:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Anigye+ ne kronkron+ ne obiara a onya owusɔre a edi kan no mu kyɛfa; eyinom so na owuprenu+ nni tumi,+ na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo,+ na wɔne no bedi hene mfe apem.+
24 Nokware, nokware, mise mo sɛ, nea otie m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa,+ na ɔmma atemmu mu, na mmom wafi owu mu aba nkwa mu.+
54 Na sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw, na nea ewu yi hyɛ nea enwu a, ɛno na asɛm a wɔakyerɛw no bɛba mu sɛ: “Wɔamene owu+ akosi daa.”+
6 Anigye+ ne kronkron+ ne obiara a onya owusɔre a edi kan no mu kyɛfa; eyinom so na owuprenu+ nni tumi,+ na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo,+ na wɔne no bedi hene mfe apem.+