13 Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui+ a wɔanhu bɔhyɛ ahorow no mmamu,+ nanso wohui wɔ akyirikyiri+ gye toom, na wɔpaee mu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase no so.+
11 Wɔkɔɔ so hwehwɛɛ mu hwɛɛ bere pɔtee+ anaa bere ko a honhom+ a ɛwɔ wɔn mu no kyerɛ wɔ Kristo ho+ bere a edii Kristo amanehunu+ ne anuonyam+ a ebedi so aba ho adanse no.