38 Afei, eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea, a na ɔyɛ Yesu suani nanso Yudafo no ho suro+ nti ɔyɛe wɔ kokoam no, srɛɛ Pilato sɛ ɔmma ɔmfa Yesu amu nkɔ; na Pilato maa no kwan.+ Ɛnna ɔbɛfaa amu no kɔe.+
19 Afei eduu saa da no anwummere, a ɛyɛ nnawɔtwe no da a edi kan no,+ ɛwom sɛ na Yudafo no ho suro+ nti wɔatoto apon mu wɔ baabi a na asuafo no wɔ de, nanso Yesu bae+ begyinaa wɔn mfinimfini ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoe nka mo.”+