2 Ɔno na ɔbaa ne nkyɛn anadwo+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ yenim sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn+ na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo,+ efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne+ a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”+
36 Nanso, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no, efisɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɛ no, nnwuma no ara a mereyɛ+ no di me ho adanse sɛ Agya no na ɔsomaa me.
10 Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu?+ Nsɛm a meka kyerɛ mo no, memmɔ me tirim na meka; na mmom Agya a ɔwɔ me mu no na ɔreyɛ ne nnwuma.+
22 “Israel mmarima, muntie nsɛm yi: Yesu, Nasareni+ no, ɔbarima a Onyankopɔn afa anwonwade+ ne nsɛnkyerɛnne a ɔnam no so yɛe wɔ mo mu+ so ayi no adi akyerɛ mo pefee, sɛnea mo ara munim no,