16 Ɛnyɛ mo na mopaw me, na mmom me na mepaw mo, na mayi mo sɛ monkɔ nkɔsow aba+ na mo aba no ntena hɔ; ɛno na sɛ mubisa Agya no hɔ biribiara me din mu a, ɔde bɛma mo.+
13 Nanso, mo anuanom a Yehowa dɔ mo, mo nti, ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ Onyankopɔn paw mo+ fii mfiase maa nkwagye wɔ honhom+ a ɔde tew+ mo ho ne nokware no+ mu gyidi a mowɔ no mu.