Yohane 10:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Obiara nnye mfii me nsam, na mmom m’ankasa na mifi me pɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi nso sɛ mesan fa.+ Minyaa eyi ho ahyɛde+ fii m’Agya hɔ.” Yohane 12:49 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 49 efisɛ mamfa m’ankasa me pɛ so na mekasae, na mmom Agya a ɔsomaa me no ara na ahyɛ me nea ɛsɛ sɛ meka ankasa.+ Yohane 15:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Sɛ mudi m’ahyɛde+ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi Agya no ahyɛde so+ na mete ne dɔ mu no. Filipifo 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no,+ ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu,+ yiw, asɛndua ho wu mu.+ 1 Yohane 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na eyi ne nea Onyankopɔn dɔ+ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so;+ na n’ahyɛde nyɛ den,+
18 Obiara nnye mfii me nsam, na mmom m’ankasa na mifi me pɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi nso sɛ mesan fa.+ Minyaa eyi ho ahyɛde+ fii m’Agya hɔ.”
49 efisɛ mamfa m’ankasa me pɛ so na mekasae, na mmom Agya a ɔsomaa me no ara na ahyɛ me nea ɛsɛ sɛ meka ankasa.+
8 Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no,+ ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu,+ yiw, asɛndua ho wu mu.+