Mateo 5:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Saa ara na momma mo kanea+ nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.+ Yohane 13:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”+ Filipifo 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 na trenee aba+ a ɛnam Yesu Kristo so ahyɛ mo mã no de anuonyam ne ayeyi+ abrɛ Onyankopɔn.
16 Saa ara na momma mo kanea+ nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.+