19 Mede ɔsoro ahenni nsafe bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase so no bɛyɛ nea wɔakyekyere wɔ soro, na biribiara a wobɛsan wɔ asase so no bɛyɛ nea wɔasan wɔ soro.”+
38 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsakra,+ na momma wɔmmɔ mo mu biara asu+ wɔ Yesu Kristo din+ mu na moanya bɔne fafiri,+ na mubenya honhom kronkron akyɛde+ a wɔde ma kwa no.