28 “Ɛno akyi no, ɛbɛba sɛ mehwie me honhom+ agu ɔhonam ahorow nyinaa so,+ na mo mmabarima ne mo mmabea+ bɛhyehyɛ nkɔm. Mo mpanyimfo nso bɛsõsõ adae. Na mo mmerante behu anisoade.
33 Me de, na minnim no, nanso Onii a ɔsomaa me+ sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no ankasa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea wubehu sɛ honhom no asian abesi no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu honhom kronkron mu no.’+
17 ‘“Nna a edi akyiri no mu no,” Onyankopɔn na ose, “Mehwie me honhom+ no bi agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyehyɛ nkɔm na mo mmerante benya anisoadehu na mo mpanyimfo asõsõ adae;+