15 Munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson. Na da a edi kan no ara munyi mmɔkaw biara mfi mo afie mu, efisɛ obiara a obedi ade a mmɔkaw wom fi da a edi kan kosi da a ɛto so ason+ no, wobetwa ɔkra a ɔte saa afi Israel.+
15 Munni paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ+ no. Bere a mahyɛ wɔ ɔsram Abib+ mu no du a, munni paanoo a mmɔkaw nnim+ nnanson, efisɛ saa ɔsram no mu na mufi Egypt bae. Na obiara mmfa nsapan mmma m’anim.+