9 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen me wɔ fie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, efisɛ woyɛ ne yere.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”+
3 Na bere+ a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ+ de mo ho hyɛɛ ahohwibra,+ akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe,+ anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+