Mateo 3:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Me de, esiane mo adwensakra+ nti mede nsu+ na ɛbɔ mo asu; nea odi m’akyi reba+ no wɔ tumi sen me, na memfata sɛ mɛworɔw ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron+ ne ogya bɛbɔ mo asu.+ Marko 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 osuboni Yohane baa sare so bɛkaa asubɔ a egyina hɔ ma adwensakra a ɛkɔ bɔne fafiri mu ho asɛm.+ Asomafo Nnwuma 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 efisɛ Yohane de, nsu na ɔde bɔɔ asu, nanso ɛrenni nna pii na wɔde honhom kronkron+ abɔ mo asu.”
11 Me de, esiane mo adwensakra+ nti mede nsu+ na ɛbɔ mo asu; nea odi m’akyi reba+ no wɔ tumi sen me, na memfata sɛ mɛworɔw ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron+ ne ogya bɛbɔ mo asu.+