Genesis 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Mehyira wɔn a wohyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na wo nti asase so mmusua nyinaa benya nhyira.”+ Genesis 17:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na mɛma w’ase atrɛw kɛse na woayɛ aman pii, na ahene befi wo mu aba.+ Genesis 18:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hwɛ, ɔkwan biara so Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den, na ne nti asase so aman nyinaa benya nhyira.+ Genesis 22:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 ɔkwan biara so mehyira wo na mama w’aseni* ayɛ bebree sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea;+ na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow apon.+
3 Mehyira wɔn a wohyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na wo nti asase so mmusua nyinaa benya nhyira.”+
18 Hwɛ, ɔkwan biara so Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den, na ne nti asase so aman nyinaa benya nhyira.+
17 ɔkwan biara so mehyira wo na mama w’aseni* ayɛ bebree sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea;+ na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow apon.+