11 Obehu ne kra amanehunu,+ na ne koma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ treneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya trenee gyinabea;+ na ɔno ankasa bɛsoa wɔn bɔne.+
9 na mmom yehu Yesu a wɔama waba fam kakra asen abɔfo+ no sɛ wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri,+ owu amanehunu+ nti, na ɔnam Onyankopɔn adom so aka owu ahwɛ ama onipa biara.+