Asomafo Nnwuma 2:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Nanso Onyankopɔn san owu hama+ no, na onyan+ no, efisɛ na ɛrentumi nkɔ so nkyekyere no.+ 1 Korintofo 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso Onyankopɔn nyan Awurade,+ na ɔnam ne tumi+ so benyan yɛn nso afi awufo mu.+