1 Korintofo 9:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 na mmom midi me nipadua nya,+ na mehyɛ no sɛ akoa, na bere a maka asɛm no akyerɛ afoforo no, m’ankasa manyɛ obi a ɔmfata+ ɔkwan bi so. Galatifo 5:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no de, wɔabɔ ɔhonam akɔnnɔ ne n’apɛde asɛndua mu.+ Galatifo 6:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 efisɛ nea ogu ma ne honam no fi ne honam mu betwa ɔporɔw,+ na nea ogu ma honhom+ no fi honhom mu betwa daa nkwa.+ Efesofo 4:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 sɛ munyi nipasu dedaw+ a ɛne mo kan abrabɔ no hyia, a ɛresɛe+ wɔ ne nnaadaa akɔnnɔ+ mu no ngu; Kolosefo 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti, munkum+ mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ,+ nkate bɔne, ne anibere+ a ɛyɛ abosonsom ho.
27 na mmom midi me nipadua nya,+ na mehyɛ no sɛ akoa, na bere a maka asɛm no akyerɛ afoforo no, m’ankasa manyɛ obi a ɔmfata+ ɔkwan bi so.
8 efisɛ nea ogu ma ne honam no fi ne honam mu betwa ɔporɔw,+ na nea ogu ma honhom+ no fi honhom mu betwa daa nkwa.+
5 Enti, munkum+ mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ,+ nkate bɔne, ne anibere+ a ɛyɛ abosonsom ho.