15 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na mubu mo ho bem nnipa anim,+ nanso Onyankopɔn nim mo koma mu;+ efisɛ nea ɛyɛ kokuroo wɔ nnipa anim no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn ani so.+
9 na wɔahu me wɔ ne mu sɛ minni m’ankasa trenee a efi mmara mu akyi,+ na mmom nea ɛnam Kristo mu gyidi so,+ trenee a efi Onyankopɔn hɔ a egyina gyidi so no,+