24 Fa saa mmarima yi kɔ+ na wo ne wɔn nkodwira mo ho na tua ka ma wɔn,+ na wonyi wɔn ti.+ Na ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho asɛm a wɔate no nyɛ nokware, na mmom wonam pɛpɛɛpɛ na wo ara nso wudi mmara no so.+
26 Ɛnna ade kyee no, Paulo faa mmarima no ne wɔn kodwiraa wɔn ho,+ na wɔkɔɔ asɔrefie hɔ kɔbɔɔ da a wobewie+ ahodwira no ho amanneɛ, ansa na wɔde wɔn mu biara ho ayɛyɛde+ ama.+