26 Afei nso, moahu na moate sɛnea ɛnyɛ Efeso+ nko na Paulo yi adan nnipakuw pii adwene ama wɔanya adwene foforo, na mmom ɛkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea wɔde nsa+ ayɛ no nyɛ anyame.
8 Enti, esiane sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma mo nti,+ ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yiye sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ankasa kra nso,+ efisɛ mobɛyɛɛ yɛn adɔfo.+