2 Beresosɛm 15:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na mo de, momma mo bo nyɛ duru,+ na mommma mo nsam nngow,+ efisɛ mubenya mo adwuma no so akatua.”+ 1 Korintofo 3:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako,+ na wɔn mu biara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.+ Adiyisɛm 14:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na metee nne bi fi soro sɛ: “Kyerɛw sɛ: Anigye ne awufo+ a wowu wɔ Awurade mu+ fi saa bere yi rekɔ.+ Yiw, honhom no na ɛka, momma wɔnhome wɔn nnwuma ho, efisɛ nneɛma a wɔyɛe no di wɔn akyi.”
8 Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako,+ na wɔn mu biara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.+
13 Na metee nne bi fi soro sɛ: “Kyerɛw sɛ: Anigye ne awufo+ a wowu wɔ Awurade mu+ fi saa bere yi rekɔ.+ Yiw, honhom no na ɛka, momma wɔnhome wɔn nnwuma ho, efisɛ nneɛma a wɔyɛe no di wɔn akyi.”