17 O me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ komam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me de, komam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ma m’ani agye.
35 Mada no adi akyerɛ mo wɔ ade nyinaa mu sɛ etwa sɛ moyɛ adwumaden+ saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw+ no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae no sɛ, ‘Ɔma+ mu wɔ anigye pii sen ogye.’”
8 anaa nea otu fo no, ma ɔntena n’afotu mu;+ nea ɔkyekyɛ nneɛma no, onyi ne yam nyɛ;+ nea ɔyɛ ɔhwɛfo+ no, ɔmfa mmɔdenbɔ nyɛ; nea ohu mmɔbɔ+ no, ɔnyɛ no anigye so.