29 Na mmom Yudani ne nea ɔte saa wɔ ne mu,+ a ne twetiatwa nso yɛ komam de+ denam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw so.+ Saa nipa no ayeyi+ mfi nnipa na mmom efi Onyankopɔn hɔ.+
5 Enti mummmu biribiara ho atɛn+ ansa na bere no adu, kosi sɛ Awurade bɛba;+ ɔno na ɔde nea ahintaw esum mu bɛba hann mu,+ na wayi komam agyina adi,+ na ɛno na afei obiara benya n’ayeyi afi Onyankopɔn hɔ.+