15 na sɛ ɛba sɛ mekyɛ a, woahu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so bɔ wo bra wɔ Onyankopɔn fie+ a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asafo, nokware no dum ne ne nnyinaso no.+
6 na Kristo de, odii Onii no fie so nokware sɛ Ɔba.+ Onii no fie no ne yɛn,+ nanso gye sɛ yeso nnamyɛ a yɛde kasa ne anidaso a yɛde hoahoa yɛn ho no mu pintinn kosi ase.+