Romafo 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 efisɛ me ho pere me sɛ mehu mo,+ na mama mo honhom mu akyɛde+ bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim; Efesofo 4:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 na wɔde ateɛteɛ+ akronkronfo no ama ɔsom adwuma no, na wɔde asi Kristo nipadua+ no, 1 Timoteo 4:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Dwinnwen eyinom ho;+ fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso+ ada adi nnipa nyinaa anim.