19 Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm.+ Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã,+ na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.+
5 Na Yudafo no ani beree,+ na wɔboaboaa nsɛmmɔnedifo bi a wɔwɔ gua so a wɔmpɛ hwee ayɛ ano maa kurow no mu yɛɛ bagyabagya.+ Na wɔtow hyɛɛ Yason+ fie so hwehwɛe sɛ wɔde wɔn bɛbrɛ wɔn a wɔreyɛ basabasa no.