44 Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ,+ na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛde.+ Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase,+ na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.+
3 Nanso misuro sɛ ɔkwan bi so no sɛnea ɔwɔ no de n’anitew daadaa Hawa no,+ saa ara na mo nso wɔbɛsɛe mo adwene+ afi nokwaredi ne kronnyɛ a ɛsɛ Kristo+ no ho.
2 na emu na bere bi monantew sɛnea wiase nhyehyɛe+ yi te, sɛnea mframa a ɛrebɔ no panyin+ no tumi te; ɛno ne honhom+ a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma+ mu no.