11 Obehu ne kra amanehunu,+ na ne koma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ treneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya trenee gyinabea;+ na ɔno ankasa bɛsoa wɔn bɔne.+
25 Onyankopɔn na+ obetumi ahyɛ mo den sɛnea asɛmpa a meka ne Yesu Kristo ho asɛnka no te. Saa asɛmpa yi ne ahintasɛm kronkron+ a wɔammɔ so bere tenteenten no adiyi hyia;
9 Wagye+ yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ+ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma+ nti, na mmom n’ankasa n’atirimpɔw ne ne dom ntia. Eyi na wɔde maa yɛn Kristo Yesu mu fi teteete,+