Mateo 26:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔde n’anim butuw hɔ bɔɔ mpae+ kae sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ma kuruwa+ yi ntwa me ho nkɔ. Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ,+ na mmom sɛnea wopɛ.”+ Yohane 10:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Eyi nti na Agya no dɔ me,+ efisɛ mede me kra to hɔ+ sɛnea ɛbɛyɛ a metumi anya bio. Filipifo 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no,+ ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu,+ yiw, asɛndua ho wu mu.+
39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔde n’anim butuw hɔ bɔɔ mpae+ kae sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ma kuruwa+ yi ntwa me ho nkɔ. Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ,+ na mmom sɛnea wopɛ.”+
8 Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no,+ ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu,+ yiw, asɛndua ho wu mu.+