Exodus 25:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Na hwɛ sɛ wobɛyɛ no te sɛ ne nhwɛso a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so no.+ Exodus 26:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Si ntamadan no sɛnea nhwɛso a mede kyerɛɛ wo bepɔw no so no te.+ Numeri 8:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no. Wɔboroo sika kɔkɔɔ na ɛyɛe. Efi ne nkorata so kosi ne nhwiren so nyinaa yɛ sika a wɔaboro.+ Mose yɛɛ kaneadua no sɛnea anisoade+ a Yehowa yi kyerɛɛ no no te pɛpɛɛpɛ. Asomafo Nnwuma 7:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 “Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare no so, sɛnea ɔhyɛɛ Mose bere a ɔrekasa akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no te sɛ nhwɛsode a ohui no.+
4 Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no. Wɔboroo sika kɔkɔɔ na ɛyɛe. Efi ne nkorata so kosi ne nhwiren so nyinaa yɛ sika a wɔaboro.+ Mose yɛɛ kaneadua no sɛnea anisoade+ a Yehowa yi kyerɛɛ no no te pɛpɛɛpɛ.
44 “Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare no so, sɛnea ɔhyɛɛ Mose bere a ɔrekasa akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no te sɛ nhwɛsode a ohui no.+