Dwom 73:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Me de, anka me nan reyɛ aman,+Na ɛkaa kakraa bi anka m’anammɔn rewatiriw.+ Hebrifo 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Anuanom, monhwɛ yiye na koma bɔne a enni gyidi amma mo mu biara mu da, na wanwae amfi Onyankopɔn teasefo no ho;+ 2 Petro 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Enti, adɔfo, esiane sɛ munim eyi dedaw nti,+ monhwɛ mo ho yiye na mmaratofo amfa wɔn nnebɔne no antwe mo ankɔ, na bere a moatim yi moanhwe ase.+ Adiyisɛm 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ woagyaw ɔdɔ a na wowɔ kan no.+
12 Anuanom, monhwɛ yiye na koma bɔne a enni gyidi amma mo mu biara mu da, na wanwae amfi Onyankopɔn teasefo no ho;+
17 Enti, adɔfo, esiane sɛ munim eyi dedaw nti,+ monhwɛ mo ho yiye na mmaratofo amfa wɔn nnebɔne no antwe mo ankɔ, na bere a moatim yi moanhwe ase.+