Mateo 4:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Efi saa bere no, Yesu fii asɛnka ase na ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene+ na ɔsoro ahenni+ no abɛn.” Mateo 25:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 “Afei ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa so no sɛ, ‘Mommra, mo a m’Agya+ ahyira mo, momfa ahenni+ a wɔasiesie ama mo fi wiase nhyɛase+ no nni.+ Filipifo 3:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Yɛn de, yɛyɛ ɔman mma+ wɔ soro,+ na ɛhɔ nso na yɛretwɛn denneennen+ sɛ ogyefo, Awurade Yesu Kristo, befi aba,+
34 “Afei ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa so no sɛ, ‘Mommra, mo a m’Agya+ ahyira mo, momfa ahenni+ a wɔasiesie ama mo fi wiase nhyɛase+ no nni.+
20 Yɛn de, yɛyɛ ɔman mma+ wɔ soro,+ na ɛhɔ nso na yɛretwɛn denneennen+ sɛ ogyefo, Awurade Yesu Kristo, befi aba,+