Dwom 22:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Mɛbɔ wo din+ akyerɛ me nuanom;+Meyi wo ayɛ asafo mfinimfini.+ Dwom 40:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu.+Hwɛ! Manka m’ano antom.+O Yehowa, wunim.+ Luka 4:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Afei ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm a motee no seesei ara yi aba mu.”+ Luka 19:42 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 42 sɛ: “Sɛ wo, anka nnɛ wunim+ nea ɛfa asomdwoe ho a—nanso wɔde ahintaw wo seesei.+