2 Korintofo 13:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nea aka no, anuanom, monkɔ so nni ahurusi mma wonsiesie mo yiye, nnya awerɛkyekye,+ nnya adwenkoro,+ ntena asomdwoe mu;+ na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn+ no ne mo bɛtena. 1 Tesalonikafo 5:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 na momfa nidi soronko mma wɔn ɔdɔ mu esiane adwuma a wɔreyɛ no nti.+ Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.+ 1 Petro 3:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 na ɔntwe ne ho mfi bɔne ho+ na ɔnyɛ papa; ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi.+ 2 Petro 3:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Enti, adɔfo, esiane sɛ moretwɛn eyinom nti, monyɛ nea mubetumi biara mma ommehu mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekae+ ne dɛm biara wɔ asomdwoe mu.+
11 Nea aka no, anuanom, monkɔ so nni ahurusi mma wonsiesie mo yiye, nnya awerɛkyekye,+ nnya adwenkoro,+ ntena asomdwoe mu;+ na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn+ no ne mo bɛtena.
13 na momfa nidi soronko mma wɔn ɔdɔ mu esiane adwuma a wɔreyɛ no nti.+ Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.+
14 Enti, adɔfo, esiane sɛ moretwɛn eyinom nti, monyɛ nea mubetumi biara mma ommehu mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekae+ ne dɛm biara wɔ asomdwoe mu.+