20 sɛnea mehwɛ kwan+ denneennen na m’ani da so+ sɛ m’ani renwu+ ɔkwan biara so, na mmom sɛnea ɛte daa no, nkwa mu oo, owu mu oo,+ mede akokoduru+ bɛkamfo Kristo seesei nso denam me nipadua so.+
12 Eyi nso nti na merehu amane+ yi, nanso ɛnyɛ me aniwu.+ Efisɛ minim onii a magye no adi no, na mewɔ ahotoso sɛ obetumi akora+ nea magyaw ahyɛ ne nsa no so akosi sɛ da+ no bɛba.
2 na yennyen yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene+ ne yɛn gyidi Wiefo+ Yesu. Anigye a na ɛda n’anim nti, ohuu asɛndua ho amane,+ buu n’ani guu aniwu so, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua no nifa.+