Yohane 6:63 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 63 Honhom na ɛma nkwa;+ honam de, ɛnka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ mo no yɛ honhom+ ne nkwa.+ Hebrifo 4:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Onyankopɔn asɛm+ wɔ nkwa,+ na tumi wɔ mu,+ na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu+ biara, na etumi hwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra+ ne honhom,+ ne dompe* ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.+ Yakobo 1:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Esiane sɛ ɛyɛ ne pɛ+ nti, ɔde nokwasɛm no woo yɛn+ sɛnea yɛbɛyɛ n’abɔde mu aba a edi kan.+
12 Na Onyankopɔn asɛm+ wɔ nkwa,+ na tumi wɔ mu,+ na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu+ biara, na etumi hwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra+ ne honhom,+ ne dompe* ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.+