Romafo 8:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na wɔn a wɔnam ɔhonam mu no de wɔn adwene si ɔhonam mu+ nneɛma so, na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.+ Galatifo 5:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no de, wɔabɔ ɔhonam akɔnnɔ ne n’apɛde asɛndua mu.+ Yakobo 4:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Ɛnyɛ mo honam akɔnnɔ a ɛne mo akwaa di asi+ no mu na efi?+
5 Na wɔn a wɔnam ɔhonam mu no de wɔn adwene si ɔhonam mu+ nneɛma so, na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.+