25 Onyankopɔn de no sii hɔ sɛ mpatade+ denam ne mogya mu gyidi so.+ Ɔyɛɛ saa na ɔde ada n’ankasa trenee adi, efisɛ ɔde bɔne a wɔayɛ atwam no firii,+ bere a Onyankopɔn nyaa abotare+ no;
17 Ne saa nti ɛho behiae sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” ade nyinaa mu,+ na wayɛ ɔsɔfo panyin mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu,+ na wabɔ ɔman no bɔne ho mpata+ afɔre.+
10 Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba bae sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre+ mpata+ mma yɛn bɔne.+