Exodus 23:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 “Meresoma ɔbɔfo+ adi w’anim na ɔbɛhwɛ wo ɔkwan so de wo akɔ baabi a masiesie+ no. Exodus 32:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Afei di ɔman no anim kɔ faako a makyerɛ wo no. Hwɛ, me bɔfo bedi w’anim,+ na da no du sɛ mede asotwe ba a, wɔn bɔne nti mɛtwe wɔn aso.”+ Exodus 33:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mɛma me bɔfo adi w’anim+ akotu Kanaanfo, Amorifo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo.+ Daniel 10:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nanso mɛka nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nokware nhoma no mu akyerɛ wo,+ na obiara nni hɔ a ogyina m’akyi eyi mu sɛ mo man+ safohene Mikael.+ Daniel 12:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Saa bere no, Mikael,+ ɔsafohene+ kɛse a ogyina hɔ+ ma wo man+ mma no bɛsɔre agyina. Na ahohia a efi bere a ɔman bae ebi mmae da bɛba.+ Saa bere no, wo manfo benya wɔn ti adidi mu,+ obiara a wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no.+
34 Afei di ɔman no anim kɔ faako a makyerɛ wo no. Hwɛ, me bɔfo bedi w’anim,+ na da no du sɛ mede asotwe ba a, wɔn bɔne nti mɛtwe wɔn aso.”+
21 Nanso mɛka nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nokware nhoma no mu akyerɛ wo,+ na obiara nni hɔ a ogyina m’akyi eyi mu sɛ mo man+ safohene Mikael.+
12 “Saa bere no, Mikael,+ ɔsafohene+ kɛse a ogyina hɔ+ ma wo man+ mma no bɛsɔre agyina. Na ahohia a efi bere a ɔman bae ebi mmae da bɛba.+ Saa bere no, wo manfo benya wɔn ti adidi mu,+ obiara a wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no.+