11 “‘Medan mo butuwii sɛnea Onyankopɔn dan Sodom ne Gomora butuwii no.+ Na moyɛe sɛ dua a wɔahwim afi ogya mu;+ nanso eyi nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm ni.
2 Ɛnna Yehowa bɔfo+ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Yehowa nka w’anim,+ Satan; Yehowa a wapaw Yerusalem+ no nka w’anim! So oyi nyɛ dua a wɔahwim afi ogya mu?”+
8 Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa fi hɔ tow kyene;+ eye ma wo sɛ wubedi dɛm anaa wobɛtɔ apakye de akɔ nkwa mu sen sɛ wɔbɛtow wo ne wo nsa abien anaa wo nan abien nyinaa ato daa ogya mu.+