Numeri 22:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Enti mesrɛ wo bra bɛdome+ wɔn ma me, efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. Ebia metumi adi wɔn so apam wɔn afi asase no so, na minim sɛ obiara a wubehyira no benya nhyira, na obiara a wobɛdome no nso benya nnome.”+ Numeri 31:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Hwɛ, wɔn na Balaam ma wɔdaadaa Israel mmarima ma wɔyɛɛ bɔne+ wɔ Yehowa ani so na ɛde ɔhaw baa Yehowa asafo+ so wɔ Peor+ no. 2 Petro 2:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wɔafi ɔkwan tẽẽ no so ma wɔadaadaa wɔn. Wɔafa Beor ba Balaam+ kwan so; ɔno na na ɔpɛ adebɔne so akatua,+ Yuda 11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so,+ na mfaso nti, wɔde ahopere akɔfa Balaam kwammɔne no so,+ na wɔasɛe wɔ Kora+ atuatew kasa no mu!+
6 Enti mesrɛ wo bra bɛdome+ wɔn ma me, efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. Ebia metumi adi wɔn so apam wɔn afi asase no so, na minim sɛ obiara a wubehyira no benya nhyira, na obiara a wobɛdome no nso benya nnome.”+
16 Hwɛ, wɔn na Balaam ma wɔdaadaa Israel mmarima ma wɔyɛɛ bɔne+ wɔ Yehowa ani so na ɛde ɔhaw baa Yehowa asafo+ so wɔ Peor+ no.
15 Wɔafi ɔkwan tẽẽ no so ma wɔadaadaa wɔn. Wɔafa Beor ba Balaam+ kwan so; ɔno na na ɔpɛ adebɔne so akatua,+
11 Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so,+ na mfaso nti, wɔde ahopere akɔfa Balaam kwammɔne no so,+ na wɔasɛe wɔ Kora+ atuatew kasa no mu!+