3 Yiw, mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnduasoafo ɔnokwafo,+ kɔ so boa saa mmea yi a wɔne me abom adi apere+ asɛmpa no mu no, wɔne Klemen ne me mfɛfo adwumayɛfo+ a wɔaka a wɔn din+ wɔ nkwa nhoma no mu no.+
27 Nanso adehunu biara ne obiara a ɔkɔ so yɛ akyide+ bi anaa otwa nkontompo+ no remma mu da,+ gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nkutoo.+